Nnwom 119:137
Psalms 119:137 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.
Psalms 119:137 in English
Psalms 119:137 · Berean Standard Bible
Righteous are You, O LORD, and upright are Your judgments.
Context
135Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so
na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 136Nisuo adware me sɛ asutene
ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so. 137Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade,
na wo mmara nso yɛ pɛ. 138Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;
ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara. 139Abufuo ahyɛ me ma,
ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.