Nnwom 119:134
Psalms 119:134 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
Psalms 119:134 in English
Psalms 119:134 · Berean Standard Bible
Redeem me from the oppression of man, that I may keep Your precepts.
Context
132Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ
sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. 133Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Mma bɔne biara nni me so. 134Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,
na madi wo nkyerɛkyerɛ so. 135Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so
na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 136Nisuo adware me sɛ asutene
ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.