Native Bible

Psalms 119:132 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.

Psalms 119:132 in English

Psalms 119:132 · Berean Standard Bible

Turn to me and show me mercy, as You do to those who love Your name.

Context

130Wo nsɛm ase teɛ ma hann; na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ. 131Mebue mʼanom na megu ahome, na mʼani gyina wo mmaransɛm. 132Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. 133Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Mma bɔne biara nni me so. 134Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.