Nnwom 116:6
Psalms 116:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.
Psalms 116:6 in English
Psalms 116:6 · Berean Standard Bible
The LORD preserves the simplehearted; I was helpless, and He saved me.
Context
4Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,
“Ao Awurade, gye me nkwa!” 5Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;
ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma. 6Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. 7Nya abotɔyam bio, Ao me kra,
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie. 8Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;
woamma mʼani amporo nisuo,
na woamma me nan ansunti,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.