Nnwom 116:8
Psalms 116:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu; woamma mʼani amporo nisuo, na woamma me nan ansunti,
Psalms 116:8 in English
Psalms 116:8 · Berean Standard Bible
For You have delivered my soul from death, my eyes from tears, my feet from stumbling.
Context
6Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. 7Nya abotɔyam bio, Ao me kra,
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie. 8Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;
woamma mʼani amporo nisuo,
na woamma me nan ansunti, 9sɛ mɛnante Awurade anim
wɔ ateasefoɔ asase so. 10Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,
“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.