Nnwom 116:5
Psalms 116:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.
Psalms 116:5 in English
Psalms 116:5 · Berean Standard Bible
The LORD is gracious and righteous; our God is full of compassion.
Context
3Owuo nhoma kyekyeree me,
ɛda ho ahometeɛ baa me so,
ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so. 4Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,
“Ao Awurade, gye me nkwa!” 5Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;
ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma. 6Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. 7Nya abotɔyam bio, Ao me kra,
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.