Native Bible

Psalms 111:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

Psalms 111:4 in English

Psalms 111:4 · Berean Standard Bible

He has caused His wonders to be remembered; the LORD is gracious and compassionate.

Context

2Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. 3Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa. 4Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. 5Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; ɔkae nʼapam no daa. 6Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.