Nnwom 111
Psalms 111 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Monkamfo Awurade!
Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so
wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. 2Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ;
wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. 3Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam,
na ne tenenee wɔ hɔ daa. 4Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ;
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. 5Ɔma wɔn a wosuro no no aduane;
ɔkae nʼapam no daa. 6Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,
sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. 7Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene;
nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. 8Ɛtim hɔ daa daa,
nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. 9Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ;
ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,
ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. 10Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ;
wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa.
Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.