Nnwom 110
Psalms 110 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ,
“Tena me nifa so
kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” 2Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;
na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. 3Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu
ɛda a wobɛkɔ sa.
Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ
na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn
sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. 4Awurade aka ntam
na ɔrensesa nʼadwene:
“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ
te sɛ Melkisedek sɛso.” 5Awurade wɔ wo nifa so;
ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 6Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;
na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. 7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo
enti ɔbɛdi nkonim.
Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,
na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.