Native Bible

Psalms 110:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.

Psalms 110:5 in English

Psalms 110:5 · Berean Standard Bible

The Lord is at Your right hand; He will crush kings in the day of His wrath.

Context

3Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. 4Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ te sɛ Melkisedek sɛso.” 5Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 6Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. 7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo enti ɔbɛdi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.