Native Bible

Psalms 107:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.

Psalms 107:29 in English

Psalms 107:29 · Berean Standard Bible

He calmed the storm to a whisper, and the waves of the sea * were hushed.

Context

27Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio. 28Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 29Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase. 30Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ. 31Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.