Native Bible

Psalms 107:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

Psalms 107:28 in English

Psalms 107:28 · Berean Standard Bible

Then they cried out to the LORD in their trouble, and He brought them out of their distress.

Context

26Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn; wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui. 27Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio. 28Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 29Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase. 30Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.