Nnwom 105:4
Psalms 105:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
Psalms 105:4 in English
Psalms 105:4 · Berean Standard Bible
Seek out the LORD and His strength; seek His face always.
Context
2Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. 3Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ. 4Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. 5Monkae anwanwadeɛ a wayɛ
ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ, 6Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,
Ao Yakob mma a wapa wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.