Nnwom 105:3
Psalms 105:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
Psalms 105:3 in English
Psalms 105:3 · Berean Standard Bible
Glory in His holy name; let the hearts of those who seek the LORD rejoice.
Context
1Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. 2Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. 3Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ. 4Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. 5Monkae anwanwadeɛ a wayɛ
ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.