Nnwom 104:20
Psalms 104:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ.
Psalms 104:20 in English
Psalms 104:20 · Berean Standard Bible
You bring darkness, and it becomes night, when all the beasts of the forest prowl.
Context
18Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea;
na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua. 19Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,
na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ. 20Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ
na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ. 21Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa
wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ. 22Owia pue ma wɔsane wɔn akyi;
wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.