Nnwom 104:18
Psalms 104:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea; na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua.
Psalms 104:18 in English
Psalms 104:18 · Berean Standard Bible
The high mountains are for the wild goats, the cliffs a refuge for the rock badgers.*
Context
16Wɔgugu Awurade nnua no so yie,
Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no. 17Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo
na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu. 18Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea;
na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua. 19Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,
na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ. 20Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ
na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.