Native Bible

Psalms 101:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ.

Psalms 101:4 in English

Psalms 101:4 · Berean Standard Bible

A perverse heart shall depart from me; I will know nothing of evil.

Context

2Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mu bɛnante me fie. 3Meremfa mʼani nsi adeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; Me ne wɔn nni hwee yɛ. 4Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ. 5Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so. 6Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so na me ne wɔn atena; deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, ɔno na ɔbɛsom me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.