Nnwom 101:6
Psalms 101:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so na me ne wɔn atena; deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, ɔno na ɔbɛsom me.
Psalms 101:6 in English
Psalms 101:6 · Berean Standard Bible
My eyes favor the faithful of the land, that they may dwell with me; he who walks in the way of integrity shall minister to me.
Context
4Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me;
me ne bɔne nni hwee yɛ. 5Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,
ɔno na mɛsɛe;
deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,
ɔno na merennyegye ne so. 6Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so
na me ne wɔn atena;
deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,
ɔno na ɔbɛsom me. 7Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara
rentena me fie;
deɛ ɔtwa nkontompo no
rennyina mʼanim. 8Adekyeeɛ biara,
mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;
na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara
afiri Awurade kuropɔn mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.