Native Bible

Psalms 10:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.

Psalms 10:12 in English

Psalms 10:12 · Berean Standard Bible

Arise, O LORD! Lift up Your hand, O God! Do not forget the helpless.

Context

10Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. 11Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.” 12Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ. 13Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi? Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Ɔremfrɛ me akontabuo so?” 14Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.