Nnwom 10:11
Psalms 10:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.”
Psalms 10:11 in English
Psalms 10:11 · Berean Standard Bible
He says to himself, “God has forgotten; He hides His face and never sees.”
Context
9Ɔte sɛ gyata a wahinta;
ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu. 10Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha;
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. 11Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi;
wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.” 12Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn.
Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ. 13Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi?
Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ,
“Ɔremfrɛ me akontabuo so?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.