Native Bible

Proverbs 8:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afotuo ne atemmuo pa wɔ me; mewɔ nteaseɛ ne tumi.

Proverbs 8:14 in English

Proverbs 8:14 · Berean Standard Bible

Counsel and sound judgment are mine; I have insight and strength.

Context

12“Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me. 13Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne; mekyiri ahantan ne ahomasoɔ, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm. 14Afotuo ne atemmuo pa wɔ me; mewɔ nteaseɛ ne tumi. 15Me so na ahemfo nam di adeɛ na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ; 16Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.