Mmɛbusɛm 8:12
Proverbs 8:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.
Proverbs 8:12 in English
Proverbs 8:12 · Berean Standard Bible
I, wisdom, dwell together with prudence, and I find knowledge and discretion.
Context
10Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,
momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa. 11Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,
na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho. 12“Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;
nimdeɛ ne nhunumu wɔ me. 13Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;
mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,
ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm. 14Afotuo ne atemmuo pa wɔ me;
mewɔ nteaseɛ ne tumi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.