Mmɛbusɛm 30:6
Proverbs 30:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mfa biribi nka nʼasɛm ho, anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.
Proverbs 30:6 in English
Proverbs 30:6 · Berean Standard Bible
Do not add to His words, lest He rebuke you and prove you a liar.
Context
4Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?
Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?
Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?
Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?
Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?
Sɛ wonim a ka kyerɛ me! 5“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;
ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no. 6Mfa biribi nka nʼasɛm ho,
anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ. 7“Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;
mfa nkame me ansa na mawu: 8Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;
mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;
nanso ma me deɛ medi daa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.