Mmɛbusɛm 30:3
Proverbs 30:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mensuaa nyansa, na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
Proverbs 30:3 in English
Proverbs 30:3 · Berean Standard Bible
I have not learned wisdom, and I have no knowledge of the Holy One.
Context
1Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:
Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ: 2“Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,
menni onipa nteaseɛ. 3Mensuaa nyansa,
na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso. 4Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?
Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?
Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?
Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?
Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?
Sɛ wonim a ka kyerɛ me! 5“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;
ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.