Mmɛbusɛm 30:10
Proverbs 30:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.
Proverbs 30:10 in English
Proverbs 30:10 · Berean Standard Bible
Do not slander a servant to his master, or he will curse you, and you will bear the guilt.
Context
8Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;
mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;
nanso ma me deɛ medi daa. 9Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo
na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’
Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,
na ama magu me Onyankopɔn din ho fi. 10“Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;
sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka. 11“Nnipa bi dome wɔn agyanom,
na wɔnnhyira wɔn maamenom nso; 12Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so
a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.