Native Bible

Proverbs 25:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da, na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

Proverbs 25:15 in English

Proverbs 25:15 · Berean Standard Bible

Through patience a ruler can be persuaded, and a gentle tongue can break a bone.

Context

13Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam. 14Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho. 15Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da, na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu. 16Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so, ne bebrebe bɛma woafe. 17Ntaa nkɔ wo yɔnko fie, wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.