Mmɛbusɛm 25:13
Proverbs 25:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
Proverbs 25:13 in English
Proverbs 25:13 · Berean Standard Bible
Like the cold of snow in the time of harvest is a trustworthy messenger to those who send him; he refreshes the soul of his masters.
Context
11Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no
te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ
de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu. 12Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ
te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no. 13Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no
saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;
na ɔma ne wuranom akomatɔyam. 14Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no
te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho. 15Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,
na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.