Mmɛbusɛm 23:26
Proverbs 23:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me ba, fa wʼakoma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,
Proverbs 23:26 in English
Proverbs 23:26 · Berean Standard Bible
My son, give me your heart, and let your eyes delight in my ways.
Context
24Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree;
deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho. 25Ma wʼagya ne wo maame ani nnye;
ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ. 26Me ba, fa wʼakoma ma me
na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho, 27na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku
ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ. 28Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ
na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.