Native Bible

Proverbs 23:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ.

Proverbs 23:27 in English

Proverbs 23:27 · Berean Standard Bible

For a prostitute is a deep pit, and an adulteress * is a narrow well.

Context

25Ma wʼagya ne wo maame ani nnye; ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ. 26Me ba, fa wʼakoma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho, 27na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ. 28Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso. 29Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ? Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii? Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.