Native Bible

Proverbs 2:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi na woanante ateneneefoɔ akwan so.

Proverbs 2:20 in English

Proverbs 2:20 · Berean Standard Bible

So you will follow in the ways of the good, and keep to the paths of the righteous.

Context

18Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn. 19Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so. 20Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi na woanante ateneneefoɔ akwan so. 21Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ; 22na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so, na wɔatɔre atorofoɔ ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.