Native Bible

Proverbs 17:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ; ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.

Proverbs 17:21 in English

Proverbs 17:21 · Berean Standard Bible

A man fathers a fool to his own grief; the father of a fool has no joy.

Context

19Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne; deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ. 20Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ; deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu. 21Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ; ɔba kwasea agya nni anigyeɛ. 22Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ, nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe. 23Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase de kyea atɛntenenee.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.