Mmɛbusɛm 15:18
Proverbs 15:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba, nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.
Proverbs 15:18 in English
Proverbs 15:18 · Berean Standard Bible
A hot-tempered man stirs up strife, but he who is slow to anger calms dispute.
Context
16Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ
sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho. 17Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ
sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho. 18Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba,
nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa. 19Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi,
nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn. 20Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye
nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.