Mmɛbusɛm 14:25
Proverbs 14:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.
Proverbs 14:25 in English
Proverbs 14:25 · Berean Standard Bible
A truthful witness saves lives, but one who utters lies is deceitful.
Context
23Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,
na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu. 24Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,
na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba. 25Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,
nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ. 26Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den,
na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma. 27Awurade suro yɛ nkwa asutire,
ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.