Mmɛbusɛm 14:18
Proverbs 14:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie, na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.
Proverbs 14:18 in English
Proverbs 14:18 · Berean Standard Bible
The simple inherit folly, but the prudent are crowned with knowledge.
Context
16Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,
nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa. 17Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,
na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no. 18Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,
na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire. 19Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,
na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano. 20Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,
nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.