Mmɛbusɛm 14:19
Proverbs 14:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim, na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.
Proverbs 14:19 in English
Proverbs 14:19 · Berean Standard Bible
The evil bow before the good, and the wicked at the gates of the righteous.
Context
17Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,
na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no. 18Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,
na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire. 19Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,
na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano. 20Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,
nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree. 21Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,
na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.