Mmɛbusɛm 14:16
Proverbs 14:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.
Proverbs 14:16 in English
Proverbs 14:16 · Berean Standard Bible
A wise man fears * and turns from evil, but a fool is careless and reckless.
Context
14Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,
na onipa pa nso bɛnya ne deɛ. 15Atetekwaa gye biribiara di,
nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho. 16Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,
nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa. 17Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,
na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no. 18Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,
na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.