Native Bible

Proverbs 13:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.

Proverbs 13:8 in English

Proverbs 13:8 · Berean Standard Bible

Riches may ransom a man’s life, but a poor man hears no threat.

Context

6Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban, na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu. 7Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee, ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree. 8Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara. 9Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara, nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea. 10Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba, na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.