Mmɛbusɛm 13:6
Proverbs 13:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban, na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.
Proverbs 13:6 in English
Proverbs 13:6 · Berean Standard Bible
Righteousness guards the man of integrity, but wickedness undermines the sinner.
Context
4Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee,
na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara. 5Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ,
nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba. 6Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban,
na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu. 7Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee,
ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree. 8Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,
nanso ohiani nte ahunahuna biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.