Mmɛbusɛm 13:10
Proverbs 13:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba, na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.
Proverbs 13:10 in English
Proverbs 13:10 · Berean Standard Bible
Arrogance leads only to strife, but wisdom is with the well-advised.
Context
8Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,
nanso ohiani nte ahunahuna biara. 9Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara,
nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea. 10Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,
na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu. 11Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,
na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso. 12Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ,
nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.