Mmɛbusɛm 12:19
Proverbs 12:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa, na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
Proverbs 12:19 in English
Proverbs 12:19 · Berean Standard Bible
Truthful lips endure forever, but a lying tongue lasts only a moment.
Context
17Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,
na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo. 18Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena
nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ. 19Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,
na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa. 20Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,
na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ. 21Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,
nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.