Mmɛbusɛm 12:21
Proverbs 12:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhaw biara rento ɔteneneeni, nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.
Proverbs 12:21 in English
Proverbs 12:21 · Berean Standard Bible
No harm befalls the righteous, but the wicked are filled with trouble.
Context
19Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,
na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa. 20Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,
na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ. 21Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,
nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ. 22Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,
na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho. 23Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro
na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.