Mmɛbusɛm 11:9
Proverbs 11:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.
Proverbs 11:9 in English
Proverbs 11:9 · Berean Standard Bible
With his mouth the ungodly man destroys his neighbor, but through knowledge the righteous are rescued.
Context
7Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera;
deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa. 8Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu,
na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom. 9Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,
nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu. 10Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie;
nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose. 11Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so,
nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.