Native Bible

Proverbs 11:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu, na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.

Proverbs 11:8 in English

Proverbs 11:8 · Berean Standard Bible

The righteous man is delivered from trouble; in his place the wicked man goes in.

Context

6Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ. 7Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera; deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa. 8Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu, na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom. 9Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu. 10Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie; nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.