Mmɛbusɛm 11:6
Proverbs 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.
Proverbs 11:6 in English
Proverbs 11:6 · Berean Standard Bible
The righteousness of the upright delivers them, but the faithless are trapped by their own desires.
Context
4Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no,
nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu. 5Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn,
nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase. 6Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn,
nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ. 7Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera;
deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa. 8Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu,
na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.