Native Bible

Proverbs 11:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no, nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.

Proverbs 11:16 in English

Proverbs 11:16 · Berean Standard Bible

A gracious woman attains honor, but ruthless men gain only wealth.

Context

14Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba. 15Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane, na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no. 16Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no, nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara. 17Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho, na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so. 18Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina, nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.