Filipifoɔ 1:3
Philippians 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.
Philippians 1:3 in English
Philippians 1:3 · Berean Standard Bible
I thank my God every time I remember you.
Context
1Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,
Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa: 2Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 3Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo, 5ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.