Filipifoɔ 1:4
Philippians 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo,
Philippians 1:4 in English
Philippians 1:4 · Berean Standard Bible
In every prayer for all of you, I always pray with joy,
Context
2Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 3Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo, 5ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.