4 Mose 7:48
Numbers 7:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
Numbers 7:48 in English
Numbers 7:48 · Berean Standard Bible
On the seventh day Elishama son of Ammihud, the leader of the Ephraimites, drew near.
Context
46ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; 47ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ. 48Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. 49Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. 50Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.