4 Mose 7:46
Numbers 7:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
Numbers 7:46 in English
Numbers 7:46 · Berean Standard Bible
one male goat for a sin offering;
Context
44Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. 45Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, 46ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; 47ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ. 48Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.