Native Bible

Numbers 6:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Numbers 6:14 in English

Numbers 6:14 · Berean Standard Bible

and he is to present an offering to the LORD of an unblemished year-old male lamb as a burnt offering, an unblemished year-old female lamb as a sin offering, and an unblemished ram as a peace offering—

Context

12Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ. 13“Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 14kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 15Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. 16“Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.